James 3

Tɛkrɛma

1Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo, efisɛ, munim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfo de sɛ yɛfom a, wobebu yɛn atɛn a emu yɛ den sen afoforo. 2Yɛn nyinaa taa yɛ mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso wɔ nea ɔka mu no yɛ pɛ a obetumi ahyɛ ne nipadua no so. 3Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛnea obetie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. 4Anaasɛ dwen hyɛn ho: sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no nanso wotumi de kudɔɔ ketewaa bi na ɛdandan no ma ɛkɔ baabi a ɔhyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ.

5Saa ara na tɛkrɛma te: ne ketewa yi nyinaa akyi, etumi hoahoa nneɛma akɛse. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi tumi hyew kwae kɛse. 6Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛyɛ wiase bi wɔ onipa akwaa mu a ɛyɛ bɔne. Ɛsɛe nipadua no na amanehunu huru to nipadua no nyinaa mu gya ma ɛdɛw framfram.

7Onipa tumi dwudwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa 8nanso obiara rentumi nnwudwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduru ahyɛ no ma. 9Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so. 10Ano koro no ara mu na nkamfo ne nnome fi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. 11Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba? 12Me nuanom, akutu betumi asow paya dua aba? Anaasɛ bobe betumi asow akutu? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.

Nyansa a efi soro

13Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so da no adi. 14Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkominya wɔ mo koma mu a, ɛnne ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, nam so ka nkontompo tia nokware. 15Saa nyansa yi mfi soro na ɛbae. Ɛyɛ wiase nyansa na ɛyɛ hohommɔne nso. 16Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkominya wɔ no, basabasa ne bɔne ahorow nyinaa bi wɔ hɔ.

17Nanso nyansa a efi soro no yɛ kronn; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no.

Copyright information for TwiNAK